Discussions and planning for a Ghanaian Wikimedia chapter

Planning Wikimedia Ghana (PWMGH), yɛ Wikimediafo kuw bi a wɔwɔ Ghana a wɔreyɛ nnwuma ahorow de atwe afoforo adwene aba Wikimedia dwumadi so na woatumi de wɔn ho ahyɛ mu. Wɔreyɛ eyi na abɔ kwan ama Wikimedia Akuw no bi wɔ Ghana, Africa atɔe fam no mu, bere a edi kan koraa.

Sɛnea Wikimedia Ahyehyɛde Kuw Nkontaabu kyerɛ no, bosome dumien a atwam kɔ no, Ghana Wikimediafo ammɔ wɔn ho mmɔden koraa wɔ mmoa a wɔde ma nkrataa ahorow kyerɛw no ho. Ɔha mu nkyem biako, ne nea esua sen saa koraa na wɔtumi de koe. (Wikimedia Nsrahwɛ Nkontaabu Ammaneɛbɔ – Wikipedia Nkrataa Nsesae Ma Ɔman Biara 2012)

Akwanside ahorow a ɛma mmoa a wɔde ma no sua no bi ne intanɛt a enni hɔ papa ne ɛho mfiri a ɛnnɔɔso a nnipa nni wɔ ɔman no mu. Ne nyinaa mu no, nnipa te a wɔntee Wikimedia ho asɛm no gyina nneɛma pii so. Ɛno nti na Wikimedia Ghana Nhyehyɛe Kuw no bɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma afoforo pii nso aso ate Wikimedia ho asɛm na akyiri no, wɔabɛyɛ Wikimedia Ghana ankasa.

Ghanaian_Wikimedians
Sandister Tei assists two Ghanaian students in creating Wikimedia user accounts.

Ghana sukuufo mmofra pii gye tom sɛ Wikipedia boa ma wɔyɛ wɔn sukuu dwumadi ahorow a wɔde ba fie no. Wikimedia Ghana Nhyehyɛe Kuw no pɛ sɛ wonya sukuufo mmofra pii ma wɔde wɔn ho hyem. Bosome yi mfiase no, sukuufo mmofra a wodi kan kyerɛw wɔn din sɛ wɔde wɔn ho bɛhyem bi a woafi ase rekyerɛw nsɛm a wɔn ani gye ho ato Wikipedia so. Sɛnea Sandister Tei a ɔyɛ Wikimedia Ghana Nhyehyɛe Kuw muni kyerɛ no, saa mmofra yi a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no fi ne mpɔtam pɛɛ.

Bio nso, PWMGH anya hokwan sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Wiki Loves Monuments 2012 mfonini akansie no wɔ afe 2012 mu. Nkyɛe pii na Ghana kyerɛw ne din wɔ WLM akansie yi mu na wɔwɔ anidaso sɛ wɔde mfonini bɛyɛ 51 bɛkɔ afe yi. Saa WLM no bɛyɛ PWMGH no dwumadi a edi wɔ Ghana.

Nnansa yi ara, Wikimedia Ghana Nhyehyɛe Kuw no muni biako nyaa hokwan kɔɔ Innovation Nnawɔtwe dwumadi a ɛkɔɔ so wɔ Accra, Ghana no, a Kofi Annan Technology Institute yɛɛ no. Wɔ saa dwumadi no ase no, ɔde mfonini ne sini de daa Wikimedia Ahyehyɛde no adi kyerɛe.

Rexford Nkansah, aberante a ɔhyɛɛ PWMGH no ase no gyidi yie sɛ adwuma pii wɔ hɔ a ɛwɔ sɛ wɔyɛ na emu wɔ anigye paa yie. Nea eho hia paa ne dwumadi ahorow a wɔbɛyɛ de atwe Ghanafo pii adwene aba Wikimedia so no ne nea Wikimedia Ghana Nhyehyɛe Kuw no reyɛ so.

Mprenpren de, atuhoamafo bɛyɛ 25 na wɔwom, na hokwan no nso abue ama obiara a ɔyɛ Ghanani, a n’ani gye sɛ ɔbɛtrɛw nimdeɛ mu sɛ ɔde ne ho bɛbɔ Wikimedia Ghana Nhyehyɛe Kuw no. Sɛ wopɛsɛ wobɛka ho a, wobetumi akɔ yɛn Krataa a ɛwɔ meta no so anaa wobetumi akyerɛw yɛn wɔ wikimedia-gh@lists.wikimedia.org

Sandister Tei, Planning Wikimedia Ghana

Archive notice: This is an archived post from blog.wikimedia.org, which operated under different editorial and content guidelines than Diff.